Difference between revisions 18955 and 18956 on akwiki'''Joseph Kwame Kyeretwie Boakye Danquah''' yɛ [[Gahana]] panyin baako a wɔampene Kwame Nkrumah aban wɔ bere a Ghana nyaa faahodie ekyi no. Na ne mfɛfo frɛ no Nana Kwame Kyeretwie. Wɔwoo Danquah wɔ Bempong wɔ Akanman mu. Na ɔyɛ ɔdehye a ofi Ofori Panyin fie a saa bere no wɔyɛ ɔman Ghana ameneɛkuw nhyehyɛe nnipa titiriw. Danquah kɔɔ [[London]] suapɔn na hɔ na osuaa abakɔsɛm ne [[felɔsɔfi]]. Ɔyɛ obibini a odi kan a suapɔn no maa no DOCTRATE a wɔ abakɔsɛm mu. Ɔsan baa Ghana (saa bere no na wɔfrɛ no Gold Coast) wɔ afe 1927 mu. Ne tema a ɔwɔ ma Ghana kɔɔ soro yiye na ɔne Ghana panyin baako saa bere no a yɛfrɛ no Owura J.E. Casely Hayford faa ayɔnkoɔ. Casely Hayford na ɔteee kuw a wɔfrɛ no National Congress of British West Africa. Afe 1930 mu no, Casely Hayford yaree na ansa obewu no, ɔfrɛɛ Danquah na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnhwɛ abibiman nyinaa faahodie so. Mmom na Danquah mfa abibiman a wɔka borɔfo(contracted; show full) Danquah kyerɛw nhoma abien wɔ Akanfo mmra ho a wɔde "Gold Coast Akan Laws and the Akim Abuakwa Constitution (1928)" ne "Akan Doctrine of God (1944)" All content in the above text box is licensed under the Creative Commons Attribution-ShareAlike license Version 4 and was originally sourced from https://ak.wikipedia.org/w/index.php?diff=prev&oldid=18956.
![]() ![]() This site is not affiliated with or endorsed in any way by the Wikimedia Foundation or any of its affiliates. In fact, we fucking despise them.
|