Difference between revisions 19642 and 20083 on akwiki

'''Patrick Awuah''', yɛ Ashesi Sukuupɔn - sukuu a ɛnhwehwɛ sika na ɛde ne ho fi aban ho - no hyehyɛfo ne ne [[kannifo]] a ɛwɔ [[Accra]], [[Ghana]] no, na wɔbue sukuu yi wɔ afe 2001 mu na ne sukuufo no wie wɔ 2005 mu. Ɛbere a ɔtenaa United States ɛkɔ bɛyɛ mfe aduonu no, Awuah baa n'akyi baa Ghana, beae a ɔbesii [[Ashesi Sukuupɔn]] no. Nnipa a ɔde fii sukuupɔn no ase yɛ 30 pɛ, nanso nnɛ, ɔwɔ sukuufo bɛboro 791. Awuah adi mfe 47, wɔaware na ɔwɔ mma mmienu.

Asɛmfua Ashesi (a ɛkyerɛ "mfitiase" wɔ Akan, Ghana kasa biako mu no) yɛ sukuupɔn a wɔde mfe anan na ɛkɔ a efi ase fi guadi kosi tɛknɔlɔgi ne akanni ho nsɛm

== Adwumasɛm ==
Patrick G. Awuah, Jr. ayɛ adwuma pɛn sɛ "Program Manager" ama [[Microsoft]] nkorabata a ɛwɔ Seattle no atoa so a ɛkɔ bɛyɛ mfirihyia du bere a ɔfii ne man mu bere na ɔyɛ aberantewa no. Ɔdii nea wɔfrɛ no dial-up [[kɔmputa]] tɛknɔlɔgi ho nsɛm bere a na ɔyɛ adwuma wɔ Microsoft no. Auwuah fii ase nyaa [[sika]] ɔpepem pii bere mpo a na ɔnya mfe aduasa no. Ne nyinaa mu no, ɔgyaw adwuma a na sika wom sɛɛ too hɔ.

Awuah kɔɔ [[United States]] sɛ ɔrekɔ sukuupɔn.  Bere a na ɔwɔ [[Amerika]] no, ɔbɛyɛɛ ɔwofo na ɛno ma osusuw hia a [[Afrika]] ho hia ma ne mma ntetee ne ne mma mma ho. Awuah dwene ho sɛ ɛnde ɔbɛba n'akyi aba Afrika, ne man Ghana na wɔabɛyɛ biribi de aboa ama ne man anya nkɔso wɔ sikasɛm mu ne afei wɔn sukuu nsɛm mu. Ɔtee nka wɔ ne komam sɛ na ɛho hia sɛ wɔsakra Ghana sukuukɔ mu nsɛm, a na ayɛ wɔ n'ani so sɛ nea asukuufo no sua ade a biarabiara na wɔnnye bere pii nfa nwinnwen nea wosua no ho na wɔmma ɔhaw ahorow ho mmuae. Ɛno nti, ɔtee nka sɛ ɔbetumi ayɛ biribi wɔ wɔn sukuukɔ mu na wɔatwe adwene asi akannifo a wɔwɔ tema na ɛno bɛma ne man Ghana atu mpɔn paa.

(contracted; show full)|}

== Nkekaho ==
<references></references>

{{DEFAULTSORT:Awuah, Patrick, Jr.}}
[[Nkyekyem:Nnipa ateasefo]]
[[Nkyekyem:Gaanafo]]