Difference between revisions 20902 and 20903 on akwiki

{{Dialect|}}
[[File:Kofi Annan3 2007 04 20.jpg|thumb|250px|Kofi Annan<br /><small>Photo: Harry Wad</small>]]
Wɔwoo '''Kofi Annan''' (1938-2018) wɔ [[Kumasi]] a ɛwɔ [[Ghana]]. N'awofo de Victoria ne Reginald Henry Annan. Wɔwoo no ataa na ne nuabea Efua Atta wuu 1991. Ne din Kofi kyerɛ sɛ wɔwoo no [[Fida]].

Adehyefie na wɔwoo Kofi Annan esan sɛ na ne wɔfa ne ne nanammarima mmienu no nyinaa yɛ ahenfo. N'agya Owura Henry Annan, a ɔyɛ Asanteni ne Fanteni ba, waree Victoria a ɔyɛ Fanteni. Ɔyɛɛ n'edwuma wɔ Lever Brothers Cocoa Comapany a na ɔyɛ Export Manager. Kofi Annan wɔ mma abien a ɔne [[Nigeria]]ni Titi Alakija woe ansa wɔntam tetew mfe pii a etwam. Afei ɔne Nane Mania Annan a ofi [[Sweden]] na wɔaware a Nane nso wɔ ɛba baako wɔ aware dada bi mu.

== Adesua ==
Fi afe 1954 kosi 1957 no, Kofi Annan kɔɔ [[Mfantsipim School]]kuul a ɛwɔ [[Cape Coast]] na ɛhɔ na osuaaa tema ne ahobrɛase. Wɔ 1957 a Annan wiee Mfantsipim Skuul no, ɔman Ghana nyaa faahodie a na ɔyɛ abibimana a edi kan. Wɔ 1958 mu no, Kofi Annan toaa adesua so wɔ Kumasi College of Science and Technology a afei wɔato no [[Kwame Nkrumah University of Science and Technology]]. Ɔfaa [[Ford Foundation]] nhyehyɛe so kɔɔ Macalester College wɔ St. Paul, [[Minnesota]] wɔ 1961 mu. Ɔkɔɔ adesua no so wɔ Graduate Institute of Information Studies wɔ [[Geneva]], [[Switzerland]] fi 1961(contracted; show full)

Wɔ Mumu 11 2006 so no, Kofi Annan kaa ne nsɛm a etwa toɔ koraa na ɔttoo nsa frɛɛ aman a wɔwɔ tumi, nimdeɛ ne sika sɛ mma wɔnn nfa nea wɔwɔ no ntia aman a wonni bi na mmom wɔmmoa wɔn sɛnea aman nyinaa ne nnipa nyinaa bɛtena asomdwee mu.
{{Commons|Kofi Annan}}
[[Nkyekyem:Akatakyifo|Annan, Kofi]]
[[Nkyekyem:Gaanafo]]