Difference between revisions 28776 and 28800 on akwiki

{{Dialect|Asante}}

{{Dialect|Asante}}
Ephraim Kɔku Amu (13 [[Ebɔ]], 1899 - 1995)

Wɔwwoo '''Ephraim Amu''' wɔ Ebɔ 13 1899 wɔ [[Peki-Avetile]]. Na n'agya yε traditional ɔkyerεma kosi mmere a ɔdanee [[Kristoni]]. Na Ephraim Amu fi wɔ ne mmofrase yε baabi a nnwomto abu. Eyi nti, na nnwom ne εho nkyerεkyerεmu da n'akoma so bere a ɔkɔɔ sukuu wɔ [[Peki]]. Εkεε akyerεkyerεfo sukuu εsan nso kɔɔ Presbyterian Seminary wɔ Peki a εhɔ na osuaa sεnea wɔbɔ [[hamoniɔm]] efi Ɔkyerεky(contracted; show full)ty of Ghana, [[Arts Council of Ghana]] ne International Music Council, UNESCO yε kuw ahorow a wɔbɔɔ Ephraim Amu aba so wɔ adwuma a ɔyε de boaa Ghana ne Abibiman nyinaa nnwomto. Afe biara no, Arts Council yε afahyε a wɔfrε no [[Amu Choral Festival]] de kae Dr Ephraim Amu. Nnwom ahorow abiɛsa na Amu yɛ: polyphonic, diatonic ne choral. Wobetumi akyekyɛ ne nnwom mu ayɛ no ahorow abiɛsa: diatonic chords a ɛnyɛ den; nsunsuanso a ɛyɛ mprɛnsa ne mmɔho abien; ne polyrhythmic, syncoponic nkyerɛwee ahorow.<ref>
[https://marchmadness2022schedule.com/ephraim-amu/ Ephraim Amu]</ref>

[http://learn.kasahorow.com/node/177 Fi kasahorow Adesua]

[[Nkyekyem:Akatakyifo]]
[[Nkyekyem:Gaana Dwomkyerɛwni]]