Revision 14026 of "Kofi Annan" on akwiki[[File:Kofi Annan3 2007 04 20.jpg|thumb|250px|Kofi Annan<br /><small>Photo: Harry Wad</small>]] Wɔwoo Kofi Annan wɔ [[Kumasi]] a ɛwɔ [[Ghana]]. N'awofo de Victoria ne Reginald Henry Annan. Wɔwoo no ataa na ne nuabea Efua Atta wuu 1991. Ne din Kofi kyerɛ sɛ wɔwoo no [[Fida]]. Adehyefie na wɔwoo Kofi Annan esan sɛ na ne wɔfa ne ne nanammarima mmienu no nyinaa yɛ ahenfo. N'agya Owura Henry Annan, a ɔyɛ Asanteni ne Fanteni ba, waree Victoria a ɔyɛ Fanteni. Ɔyɛɛ n'edwuma wɔ Lever Brothers Cocoa Comapany a na ɔyɛ Export Manager. Kofi Annan wɔ mma abien a ɔne [[Nigeria]]ni Titi Alakija woe ansa wɔntam tetew mfe pii a etwam. Afei ɔne Nane Mania Annan a ofi [[Sweden]] na wɔaware a Nane nso wɔ ɛba baako wɔ aware dada bi mu. == Adesua == Fi afe 1954 kosi 1957 no, Kofi Annan kɔɔ [[Mfantsipim School]] a ɛwɔ [[Cape Coast]] na ɛhɔ na osuaaa tema ne ahobrɛase. Wɔ 1957 a Annan wiee Mfantsipim School no, ɔman Ghana nyaa faahodie a na ɔyɛ abibimana a edi kan. Wɔ 1958 mu no, Kofi Annan toaa adesua so wɔ Kumasi College of Science and Technology a afei wɔato no [[Kwame Nkrumah University of Science and Technology]]. Ɔfaa [[Ford Foundation]] nhyehyɛe so kɔɔ Macalester College wɔ St. Paul, [[Minnesota]] wɔ 1961 mu. Ɔkɔɔ adesua no so wɔ Graduate Institute of Information Studies wɔ [[Geneva]], [[Switzerland]] fi 1961 kosi 1962. Fi 1971 kosi 1972 no ɔbɔɔ no ho mmɔden nyaa Master of Science abasobɔ fii MIT Sloan School of Manaagement hɔ. == Edwumayɛ == Afe 1962 mu no, Kofi Annan hyɛɛ edwumayɛ ase wɔ [[World Health Organisation]] sɛ Budget Officer. 1974 ne 1976 ntam no, na ɔhwɛ Ghana nsrahwɛ nsɛm so. Ɔsan kɔɔ [[United Nations]] (UN) na hɔ na ɔtenae kosi 2006 . Bere a Kofi Annan wɔ UN no, na ɔhwɛ asomdwee mpontu wɔ wiase nyinaa. Saa mmere yi no basabasayɛ ne ɛko de owu pii brɛɛ [[Rwanda]]man. Na edwuma no yɛ den yiye nso Kofi Annan bɔɔ mmɔden yɛɛ nea ɛsɛ kosi mmere a asomdwee sanee Rwandafo. === United Nations edwumayɛ === Wɔ December 13 1996 mu no UN mpanyinfo hyiaae no, wɔpaw Kofi Annan sɛ onni kuw no nhyehyɛe so. Amanasan nyinaa tow aba de gyee no. Ankyɛ ara na wosuae Kofi Annan na da a edi kan wɔ afe 1997 mu no na ɔhyɛɛ edwumayɛ ase. Na Kofi Annan bedii n'anan mu a yɛfrɛ no [[Boutros Boutros-Ghali]] no, na ofi [[Egypt]] man mu enti Kofi Annan ne obibini a odii kan bɛtenaa U.N. ahengua no so. Kofi Annan mmɔdenbɔ nti no, mmere bae sɛ ɛwɔ sɛ ofi gua no so no, amansan nyinaa san tow aba de gyee no afe nnum. Eyi yɛ nwowa yiye esan sɛ na ɛwɔ sɛ abiban tena UN edwumakuw no ano mfe du pɛ nso wɔsaan tow n'aba nti no, abibiman dii mfe dunum a ebi nsii da. Wɔ April, afe 2001 mu no, Kofi Annan tow nsa frɛɛ aman nyinaa sɛ wɔmmɔ dwetiriw a ɛbɛba ama aman a hɔn nni sika no, debɛhwɛ wɔn nnipa a wɔyɛ HIV/AIDS ayarefo. Wɔ December 2001 mu no, Kofi Annan ne edwumakuw UN nyaa abasobɔ a ɛyɛ Nobel Asomdwee Abasobɔ wɔ edwuma a na wɔreyɛ sɛ asomdwee ne nkabom bɛba wiase afanan nyinaa. Wɔ Amɛrika ne Britain aman ɛko a wɔreko wɔ [[Irak]] no, Kofi Annan buaa mmisae bi ano sɛ ɛko tia UN mmra ne nhyehyɛe. Bere a aman abien yi reyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ ako nno, Kofi Annan dii kan ka kyerɛɛ wɔn sɛ mma wɔn nkɔ ako wɔ bere a UN mpenee so. Wɔantie no enti eyi de mansotwe kakraa hyɛɛ Amɛrika ne UN ntam bere a na Kofi Annan rehwɛ kuw no so. Wɔ Sudan nso a ɛko resi nno, Kofi Annan kɔɔ so hwehwɛɛ akwan a wɔbɛfa so de UN asogyafo akɔ ɔman no mu sɛnea basabasayɛ no so betwa. Ɔsan nso ne nkramokuw ne aman pii bɔɔ nkɔmmɔ ɛfa sɛnea wɔde faahodie bɛma mmaa ama wɔnn nso etumi abɔ bra a ɛbɛma wɔakoma atɔ wɔn yɛm sɛnea mmarima nya no no. == Nsɛnsɛm == Nsɛm bi bɛttɔɔ dwa bere a Kofi Annan hwɛɛ UN kuw no so. Nea edi kan no ne sɛ, UN edwuma mu panyin a ɔhwɛ atukɔfo (refugees) so Ruud Lubbers benyaa asɛm bi. Ɛne sɛ atukɔfo yi a na ɛwɔ sɛ ɔhwɛ wɔn so no, nsɛm piee sɛ ɔde mmonaatow ne ne tumi a ɔwɔ no, de tiaa wɔn faahodie. Nsɛm no piee saa no, Kofi Annan kae sɛ nsɛm no nnyɛ nokware. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu wiei no, ɛbaa sɛ Ruud Lubbers yɛɛ nea wɔkae nno ampa na nsɛm yi ammoa sɛnea amansan dwenee Kofi Annan yieyɛ ho. Asɛm foforo a ɛbɛtɔɔ dwa no ne sɛ, wɔ afe 2004 mu no, nsɛm piee sɛ edwumayɛkuw a ɛwɔ Switzerland a wɔfrɛ no Cotecua Inspection SA kotuaa Kofi Annan ba barima a yɛfrɛ no Kodwo sika bi. Na edwumayɛkuw yi adi kan anya apaw sɛ wɔnhwɛ UN nhyehyɛe bi so. Edwuma no ne sɛ wɔde aduan bɛgye fangoo (oil) efi Irak fo hɔ wɔ mmere a wohia aduann yiye. Sika a Kodwo Annan gyee no nti no, amanfo pii dwenee sɛ Kofi Annan faa kwan yi so bɔɔ nyansakorɔno. Mmom Kofi Annan hyehyɛɛ kuw sɛ wɔnhwɛ asɛm yi mu. Ɛkɔpiee sɛ Kofi Annan annyɛ nea ɛnsɛ naaso kuw a wɔhwɛɛ nsɛm yi mu no kaa sɛ tumi a anka ɔwɔ sɛ ɔdebɛhwɛ nsɛm a ɛfa sika ne nsɛm foforo bi so no, wɔnnye na wɔnfa mma obi foforo a ɛbɛyɛ n'edwuma pɔtee a ɔbɛyɛ. Eyi nso ammoa Kofi Annan nnwumayɛ sɛnea ɛsɛ. Amɛrika ne UN mansotwe nnso tiaa Kofi Annan nneyɛe pii. Kofi Annan abɛdiekyire Mark Malloch Brown kaa nsɛm tiaa Amɛrika no, Kofi Annan antia no na eyi hyɛɛ Amɛrika mpanyinfo pii abufuw. Eyi ne Irak ɛko a Amɛrika kɔe no de nsɛnsɛm hyɛɛ wɔnn ne UN ntam. Wɔ Ɛbɔw 2005 mu no, Kofi Annan ka kyerɛɛ kuw no sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ wɔbɛsesa sɛnea kuw no yɛ n'edwuma ne sɛnea wɔahyehyew no. Ɔdetoo dwa sɛ ɔbɛpɛ sɛ nhyehyɛe no de tumi bɛma aman a wonni sika ɛne nea aman nnwaso nsɛm tia wɔn sɛnea amansan nyinaa betie amann nyinaa nsɛm de afa adwen wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ nnipa tena fa. Wɔ September 19 2006 mu no, Kofi Annan kaa wɔ amanpanyin nhyiemu wɔ [[New York]] sɛ, nsɛm a ɛda n'akoma so sɛ amanpanyin ne aman nkabomkuw no bɛhwɛ ɛne basabasayɛ ne mmra ntiae a ebu so wɔ wiase nyinaa. Ɔsan kaa sɛ ɛbɛyɛ n'anigye pii sɛ Abibiman begyae ɛko pii a wɔsɛe mpontunnwuma. Nso no, [[Israel]] ne [[Palestine]] fo nso nnyae ɛko a wɔako mfe pii ni. Wɔ Mumu 11 2006 so no, Kofi Annan kaa ne nsɛm a etwa toɔ koraa na ɔttoo nsa frɛɛ aman a wɔwɔ tumi, nimdeɛ ne sika sɛ mma wɔnn nfa nea wɔwɔ no ntia aman a wonni bi na mmom wɔmmoa wɔn sɛnea aman nyinaa ne nnipa nyinaa bɛtena asomdwee mu. [[Category:Akatakyifo|Annan, Kofi]] [[af:Kofi Annan]] [[an:Kofi Annan]] [[ar:كوفي أنان]] [[arz:كوفى انان]] [[ast:Kofi Annan]] [[az:Kofi Annan]] [[bcl:Kofi Annan]] [[be:Кофі Анан]] [[be-x-old:Кофі Анан]] [[bg:Кофи Анан]] [[bn:কোফি আন্নান]] [[br:Kofi Annan]] [[bs:Kofi Annan]] [[ca:Kofi Annan]] [[cs:Kofi Annan]] [[cv:Кофи Аннан]] [[cy:Kofi Annan]] [[da:Kofi Annan]] [[de:Kofi Annan]] [[diq:Kofi Annan]] [[el:Κόφι Ανάν]] [[en:Kofi Annan]] [[eo:Kofi Annan]] [[es:Kofi Annan]] [[et:Kofi Annan]] [[eu:Kofi Annan]] [[fa:کوفی عنان]] [[fi:Kofi Annan]] [[fr:Kofi Annan]] [[frp:Kofi Annan]] [[fy:Kofi Annan]] [[ga:Kofi Annan]] [[gd:Kofi Annan]] [[gl:Kofi Annan]] [[ha:Kofi Annan]] [[he:קופי אנאן]] [[hi:कोफ़ी अन्नान]] [[hr:Kofi Atta Annan]] [[hu:Kofi Annan]] [[hy:Քոֆի Անան]] [[id:Kofi Annan]] [[is:Kofi Annan]] [[it:Kofi Annan]] [[ja:コフィー・アナン]] [[jv:Kofi Annan]] [[ka:კოფი ანანი]] [[kk:Кофи Аннан]] [[kn:ಕೋಫಿ ಅನ್ನಾನ್]] [[ko:코피 아난]] [[ku:Kofi Annan]] [[la:Kofi Annan]] [[lad:Kofi Annan]] [[li:Kofi Annan]] [[lt:Kofis Ananas]] [[lv:Kofi Annans]] [[mk:Кофи Анан]] [[ml:കോഫി അന്നാൻ]] [[mn:Кофи Аннан]] [[mr:कोफी अन्नान]] [[ms:Kofi Annan]] [[my:ကိုဖီအန်နန်]] [[nah:Kofi Annan]] [[nds:Kofi Annan]] [[ne:कोफी अन्नान]] [[nl:Kofi Annan]] [[nn:Kofi Annan]] [[no:Kofi Annan]] [[oc:Kofi Annan]] [[pa:ਕੋਫ਼ੀ ਅੰਨਾਨ]] [[pl:Kofi Annan]] [[pnb:کوفی انان]] [[pt:Kofi Annan]] [[qu:Kofi Annan]] [[ro:Kofi Annan]] [[ru:Аннан, Кофи]] [[scn:Kofi Annan]] [[sco:Kofi Annan]] [[se:Kofi Annan]] [[sh:Kofi Annan]] [[simple:Kofi Annan]] [[sk:Kofi Annan]] [[sl:Kofi Anan]] [[sq:Kofi Annan]] [[sr:Кофи Анан]] [[sv:Kofi Annan]] [[sw:Kofi Annan]] [[ta:கோபி அன்னான்]] [[te:కోఫీ అన్నన్]] [[tg:Кофи Аннан]] [[th:โคฟี แอนนัน]] [[tl:Kofi Annan]] [[tr:Kofi Annan]] [[tw:Kofi Annan]] [[uk:Кофі Аннан]] [[uz:Kofi Annan]] [[vi:Kofi Annan]] [[war:Kofi Annan]] [[wuu:Kofi Annan]] [[yo:Kofi Annan]] [[zh:科菲·安南]] [[zh-min-nan:Kofi Annan]] [[zh-yue:安南]] All content in the above text box is licensed under the Creative Commons Attribution-ShareAlike license Version 4 and was originally sourced from https://ak.wikipedia.org/w/index.php?oldid=14026.
![]() ![]() This site is not affiliated with or endorsed in any way by the Wikimedia Foundation or any of its affiliates. In fact, we fucking despise them.
|