Revision 18899 of "Patrick Awuah, Jr." on akwiki

'''Patrick Awuah''', yɛ Ashesi Sukuupɔn - sukuu a ɛnhwehwɛ sika na ɛde ne ho fi aban ho - no hyehyɛfo ne ne [[kannifo]] a ɛwɔ [[Accra]], [[Ghana]] no, na wɔbue sukuu yi wɔ afe 2001 mu na ne sukuufo no wie wɔ 2005 mu. Ɛbere a ɔtenaa United States ɛkɔ bɛyɛ mfe aduonu no, Awuah baa n'akyi baa Ghana, beae a ɔbesii [[Ashesi Sukuupɔn]] no. Nnipa a ɔde fii sukuupɔn no ase yɛ 30 pɛ, nanso nnɛ, ɔwɔ sukuufo bɛboro 500. Awuah adi mfe 47, wɔaware na ɔwɔ mma mmienu.

Asɛmfua Ashesi (a ɛkyerɛ "mfitiase" wɔ Akan, Ghana kasa biako mu no) yɛ sukuupɔn a wɔde mfe anan na ɛkɔ a efi ase fi guadi kosi tɛknɔlɔgi ne akanni ho nsɛm  

== Adwumasɛm ==
Patrick G. Awuah, Jr. ayɛ adwuma pɛn sɛ Program Manager ama [[Microsoft]] nkorabata a ɛwɔ Seattle no atoa so a ɛkɔ bɛyɛ mfirihyia du bere a ɔfii ne man mu bere na ɔyɛ aberantewa no. Ɔdii nea wɔfrɛ no dial-up [[kɔmputa]] tɛknɔlɔgi ho nsɛm bere a na ɔyɛ adwuma wɔ Microsoft no. Auwah fii ase nyaa [[sika]] ɔpepem pii bere mpo a na ɔnya mfe aduasa no. Ne nyinaa mu no, ɔgyaw adwuma a na sika wom sɛɛ too hɔ.

Awuah kɔɔ [[United States]] sɛ ɔrekɔ sukuupɔn.  Bere a na ɔwɔ [[Amerika]] no, ɔbɛyɛɛ ɔwofo na ɛno ma osusuw hia a [[Afrika]] ho hia ma ne mma ntetee ne ne mma mma ho. Awuah dwene ho sɛ ɛnde ɔbɛba n'akyi aba Afrika, ne Ghana na wɔabɛyɛ biribi de aboa ama ne man anya nkɔso wɔ sikasɛm mu ne afei wɔn sukuu nsɛm mu. Ɔtee nka wɔ ne komam sɛ na ɛho hia sɛ wɔsakra Ghana sukuukɔ mu nsɛm, a na ayɛ wɔ n'ani so sɛ nea asukuufo no sua ade a biarabiara na wɔnnye bere pii nfa nwinnwen nea wosua no ho na wɔmma ɔhaw ahorow ho mmuae. Ɛno nti, ɔtee nka sɛ ɔbetumi ayɛ biribi wɔ wɔn sukuukɔ mu na wɔatwe adwene asi akannifo a wɔwɔ tema na ɛno bɛma ne man Ghana atu mpɔn paa.

Nea ɛbɛma ne botae a esi n'ani so no wɔadu ho no, ɔhan dan, beae a ɔde yɛɛ ne ɔfise, nhoma kenkan beae, kɔmputa adesua beae, sukuudan, ne adidibea bere a ɔbaa Ghana no. Na ontumi ntoa so sɛ woannya mmoa afi adɔeyɛfo ne sukuu adekyerɛ sika a ɔnyae no a. Ne sukuupɔn no de, ɔgye tom paa sɛ afoforo ntoboa na ɔde totɔ sukuu no ho nneɛma pii and otumi de bi nso ma sukuufo no skɔlahyip (emu bɛyɛ 40%-50%). 

Awuah anisoadehu ne sɛ ɔbɛtrɛw sukuupɔn bi mu a, ɛbɛtwe adwene asi adepa, suban pa, ne ankorankora mmɔdenbɔ so na aboa ama Afrika agyina ne nan so a ebebue kwan ama nnwuma nnwuma atumi atwe ne ti na ayɛ nhwɛsode ama Afrika aman pii.


<div style="border:1px solid black">
"While I was at Microsoft, the annual revenues grew larger than the GDP of the Republic of Ghana." <small>-Patrick Awuah</small>
</div>

==Sukuu nsɛm ==
Ɔkura Bachelor Abodin Krataa wɔ Engineering ne Sikasɛm mu a ɔnyaa wɔ Swarthmore Sukuupɔn ne MBA a ɔnyaa wɔ UC Berkeley's Haas Sukuu a wɔkyerɛ Guadi. Wɔ 2004 mu no, Swarthmore maa Patrick abɔsobɔde esiane ne akanni wɔ Afrika sukuupɔn adesua nsɛm mu.

==Abasobɔde &amp; N'akuw ahorow==
Wiase Nyinaa Sikasɛm bɔɔ din frɛɛ Patrick sɛ Wiase Nyinaa Kannifo wɔ afe 2007 mu;  na esiane ne som pa ma Ghana nti, onyaa Order of the Volta fekuw no mu kyɛfa a Onuanyamfo, Ɔmanpanyin John Agyekum Kufuor de mae wɔ 2007 mu. Order of the Volta no yɛ abasobɔde a ɛso paa yiye wɔ Ghana a wɔde ma wɔn a wɔada wɔn ho adi wɔ ɔsom pa a wɔde ma wɔn man no mu.

Wɔ November 2009 mu no, onyaa abasobɔde mmienu: Microsoft afe 2009 Alumni Foundation "Integral Fellow" a wɔde ma wɔn a wɔaboa pii denam wɔn dom akyɛde so, wɔn bere, ne nea wɔwɔ nyinaa de boa, ne John P. McNulty Prize, Aspen Institute a ehu mmerante ne mmabaa a wɔadwene mu abue, wɔnim adwuma na wɔkɔ so boa ne mpɔtam dwumadi no.

Madeleine Albright ne Bill Gates a wɔyɛ Melinda Gates Foundation no titrani maa Awuah sika a ne dodow yɛ $100,000 wɔ November 5, 2009 mu wɔ New York  Wɔde saa sika no ma Aspen Wiase Nyinaa Akanni Nkabom a wiase adwumakuw ahorow, aban, ne mpɔtam akannifo ka ho.  Na Awuah ka nnipa anum a wɔpaw wɔn etwa to no ho.

<div style="border:1px solid black">
"In Patrick Awuah we have found not only immense personal leadership in founding Ashesi, one of the African continent’s first liberal arts universities, but in the school’s commitment to ethics and civics as a central part of education, he has guaranteed future generations of leaders for Ghana, Africa, and the world." <small>-Patrick Awuah</small>
</div>

Wɔ May 2010 mu no, wɔpaw no sɛ Ghana's Most Respected CEO a ɔtɔ so 8 wɔ nnipa du a wɔpaw wɔn no mu.

Wɔ December da a ɛtɔ so 4, 2010 mu no, wɔmaa no Millenium Excellence Abasobɔde ma Adesua Nkɔanim ho mu.

Ɔka Africa Leardership Initiative no ho (Aspen Global Leadership Network nkorabata biako no no), United States Council of Foreign Relations, Pacifi Council ma International Policy ne United States Tau Beta Pi abasobɔde kuw ma engineering no ho.

{| class="wikitable"
|-
! Abasobɔde/Kuw a Ɔka ho 
! Ahyehyɛde 
! Afe
|-
|   Fellow of the African Leadership Initiative 
|   Aspen Global Leadership Network 
|  NV
|-
|   Member, US Council of Foreign Relations 
|  NV
|  NV
|-
|   Member, United States Council on Foreign Relations, 
|   the Pacific Council of International Policy 
|  NV
|-
|   Member: Tau Beta Pi Honor Society for Excellence in Engineering. 
|  Example 
|  Example
|-
|   Member, TED Fellows Program 
|  Example 
|  2007/2009
|-
|   Awarded Membership of the Order of the Volta by his Excellency President J.A. Kufuor 
|  Ghana 
|   2007 
|-
|   2005 Person of the Year 
|   Ghana Web 
|  2005
|-
|   Young Global Leader 
|  World Economic Forum 
|   2007,  
|-
|   Honorary Doctorate 
|   Swarthmore College 
|  2004
|-
|   Winner, "Integral Fellow" award 
|   Microsoft Alumni Foundation 
|   2009  
|-
|   Winner, John P. McNulty Prize  
|    Aspen Institute 
|   2009 
|-
|   Ghana’s 8th Most Respected CEO
|   PricewaterhouseCoopers 
|   2010   
|-
|   Winner, Educational Development 
|   Millennium Excellence Awards, Ghana 
|   2010 
|}

== Nkekaho ==
<references></references>

{{DEFAULTSORT:Awuah, Patrick, Jr.}}
[[Nkyekyem:Nnipa ateasefo]]
[[Nkyekyem:Ghanafo]]