Difference between revisions 19621 and 19622 on twwiki

Nkawkaw  yε kuro kεseε a ɛwɔ [[Nkran]] ne [[Kumasi]] ntam. Nipa bɛyɛ mpem aduannan nwɔtwe na ɛwɔ Nkawkaw (48.000) Yɛfrɛ wɔn Kwahufoɔ. Nkɔkɔɔ kyerε kɔɔ, kɔɔ. Nnipa no pii firi [[ɔƆbɔmeng]]. Nipa bebree a wɔfiri Nkawkaw yɛ adwadifoɔ kesee.Wɔn mu bebree te Nkran. Wɔn wo sika pa ara nti wɔn asisi adan fefeefe wɔ Nkɔkɔɔ ne nkuro a atwa wɔn ho ahyia (nkuro te se [[Oboo]] anaa [[OƆbomeneg]]). Eho yɛ fɛ pa ara.  Afe biara Kwahufo kɔ Nkawkaw ne Kwahu mantam nyinaa kɔdi Yesu Wusɔreɛ (Easter).
Nkawkaw ka Kwahufoo kuropɔn no ho. Sukuu titire baako a ɛwɔ hɔ ne Nkawkaw Mpanimfoo Ntoasoɔ Sukuu (Nkawkaw Senior High School). Ayaresabea nsoso wɔ hɔ. 


[[Category:Gaana]]