Difference between revisions 16858 and 16861 on akwiki[[File:Kofi Annan3 2007 04 20.jpg|thumb|250px|Kofi Annan<br /><small>Photo: Harry Wad</small>]] Wɔwoo Kofi Annan wɔ [[Kumasi]] a ɛwɔ [[Ghana]]. N'awofo de Victoria ne Reginald Henry Annan. Wɔwoo no ataa na ne nuabea Efua Atta wuu 1991. Ne din Kofi kyerɛ sɛ wɔwoo no [[Fida]]. (contracted; show full) Wɔ Amɛrika ne Britain aman ɛko a wɔreko wɔ [[Irak]] no, Kofi Annan buaa mmisae bi ano sɛ ɛko tia UN mmra ne nhyehyɛe. Bere a aman abien yi reyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ ako nno, Kofi Annan dii kan ka kyerɛɛ wɔn sɛ mma wɔn nkɔ ako wɔ bere a UN mpenee so. Wɔantie no enti eyi de mansotwe kakraa hyɛɛ Amɛrika ne UN ntam bere a na Kofi Annan rehwɛ kuw no so. Wɔ [[Sudan]] nso a ɛko resi nno, Kofi Annan kɔɔ so hwehwɛɛ akwan a wɔbɛfa so de UN asogyafo akɔ ɔman no mu sɛnea basabasayɛ no so betwa. Ɔsan nso ne nkramokuw ne aman pii bɔɔ nkɔmmɔ ɛfa sɛnea wɔde faahodie bɛma mmaa ama wɔnn nso etumi abɔ bra a ɛbɛma wɔakoma atɔ wɔn yɛm sɛnea mmarima nya no no. == Nsɛnsɛm == (contracted; show full) Wɔ Mumu 11 2006 so no, Kofi Annan kaa ne nsɛm a etwa toɔ koraa na ɔttoo nsa frɛɛ aman a wɔwɔ tumi, nimdeɛ ne sika sɛ mma wɔnn nfa nea wɔwɔ no ntia aman a wonni bi na mmom wɔmmoa wɔn sɛnea aman nyinaa ne nnipa nyinaa bɛtena asomdwee mu. {{Commons|Kofi Annan}} [[Nkyekyem:Akatakyifo|Annan, Kofi]] All content in the above text box is licensed under the Creative Commons Attribution-ShareAlike license Version 4 and was originally sourced from https://ak.wikipedia.org/w/index.php?diff=prev&oldid=16861.
![]() ![]() This site is not affiliated with or endorsed in any way by the Wikimedia Foundation or any of its affiliates. In fact, we fucking despise them.
|