Difference between revisions 16861 and 18198 on akwiki[[File:Kofi Annan3 2007 04 20.jpg|thumb|250px|Kofi Annan<br /><small>Photo: Harry Wad</small>]] Wɔwoo Kofi Annan wɔ [[Kumasi]] a ɛwɔ [[Ghana]]. N'awofo de Victoria ne Reginald Henry Annan. Wɔwoo no ataa na ne nuabea Efua Atta wuu 1991. Ne din Kofi kyerɛ sɛ wɔwoo no [[Fida]]. (contracted; show full) Bere a Kofi Annan wɔ UN no, na ɔhwɛ asomdwee mpontu wɔ wiase nyinaa. Saa mmere yi no basabasayɛ ne ɛko de owu pii brɛɛ [[Rwanda]]man. Na edwuma no yɛ den yiye nso Kofi Annan bɔɔ mmɔden yɛɛ nea ɛsɛ kosi mmere a asomdwee sanee Rwandafo. === United Nations edwumayɛ === Wɔ December 13 1996 mu no UN mpanyinfo hyiaae no, wɔpaw Kofi Annan sɛ onni kuw no nhyehyɛe so. Aman asan nyinaa tow aba de gyee no. Ankyɛ ara na wosuae Kofi Annan na da a edi kan wɔ afe 1997 mu no na ɔhyɛɛ edwumayɛ ase. Na Kofi Annan bedii n'anan mu a yɛfrɛ no [[Boutros Boutros-Ghali]] no, na ofi [[Egypt]] man mu enti Kofi Annan ne obibini a odii kan bɛtenaa U.N. ahengua no so. Kofi Annan mmɔdenbɔ nti no, mmere bae sɛ ɛwɔ sɛ ofi gua no so no, amansan nyinaa san toow aba de gyee no afe nnum. Eyi yɛ nwowa yiye esan sɛ na ɛwɔ sɛ abiban tena UN edwumakuw no ano mfe du pɛ nso wɔsaan toow n'aba nti no, abibiman dii mfe dunum a ebi nsii da. Wɔ April, afe 2001 mu no, Kofi Annan tow nsa frɛɛ aman nyinaa sɛ wɔmmɔ dwetiriw a ɛbɛba ama aman a hɔn nni sika no, debɛhwɛ wɔn nnipa a wɔyɛ HIV/AIDS ayarefo. Wɔ December 2001 mu no, Kofi Annan ne edwumakuw UN nyaa abasobɔ a ɛyɛ Nobel Asomdwee Abasobɔ wɔ edwuma a na wɔreyɛ sɛ asomdwee ne nkabom bɛba wiase afanan nyinaa. Wɔ Amɛrika ne Britain aman ɛko a wɔreko wɔ [[Irak]] no, Kofi Annan buaa mmisae bi ano sɛ ɛko no tia UN mmra ne nhyehyɛe. Bere a aman abien yi reyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ ako nno, Kofi Annan dii kan ka kyerɛɛ wɔn sɛ mma wɔn nkɔ ako wɔ bere a UN mpenee so. Wɔantie no enti eyi de mansotwe kakraa hyɛɛ Amɛrika ne UN ntam bere a na Kofi Annan rehwɛ kuw no so. (contracted; show full) Wɔ Mumu 11 2006 so no, Kofi Annan kaa ne nsɛm a etwa toɔ koraa na ɔttoo nsa frɛɛ aman a wɔwɔ tumi, nimdeɛ ne sika sɛ mma wɔnn nfa nea wɔwɔ no ntia aman a wonni bi na mmom wɔmmoa wɔn sɛnea aman nyinaa ne nnipa nyinaa bɛtena asomdwee mu. {{Commons|Kofi Annan}} [[Nkyekyem:Akatakyifo|Annan, Kofi]] All content in the above text box is licensed under the Creative Commons Attribution-ShareAlike license Version 4 and was originally sourced from https://ak.wikipedia.org/w/index.php?diff=prev&oldid=18198.
![]() ![]() This site is not affiliated with or endorsed in any way by the Wikimedia Foundation or any of its affiliates. In fact, we fucking despise them.
|