Difference between revisions 18456 and 18695 on akwiki

[[File:LocationGhana.png|right|frame|280px|Gaana]]
[[File:Ghana physical map.svg|thumb|280px|Gaana]]
'''Ghana''' yɛ kurow bi a ɛwɔ  [[Afrika|Africa]] atɔeɛ mantam hɔ. Nkurow a atwa ne ho ahyia no bi ne [[Côte d’Ivoire]] (ɛno wɔ atɔe fam), [[Burkina Faso]] (ɛno wɔ atifi fam), [[Togo]] (ɛno wɔ apue fam) ɛna Gulf of Guinea no wɔ anafo fam. Edin Ghana no kyerɛ “Ɔko mu Hene” na wonyaa saa din no fii tete Ghana empire no mu.

Kan no, na ahenni ahorow na woagye Ghana asase no afa paa yiye, te sɛ Asanti Ahenni, Akwamufo, Bonomanfo, Denkyirafoɔ, Fantefoɔ, ne afoforo a wɔka ho. Ebinom de, na wɔnyɛ Akan fo, te sɛ Nkran ne Dagombafo. Wɔne Aborofo ntam guadi fii ase bere a wɔne Pɔtgɔkyifoɔ yɛ ntease apam wɔ mfe 1500 mu hɔ. Ɛno akyi no, Britainfo maa nea wɔfrɛ no Sika mpoano Ahenni no fii asɛ wɔ afe 1874 mu wɔ Ghana mmeae bi pɛ.

Gold Coast no nyaa fahodi wɔ afe 1957 mu fii wɔn sodifo a na wɔne [[United Kingdom]] no. ɛno ma Ghana bɛyɛɛ ɔman a edi kan wɔ abibirim ha a enyaa fahodi fii Europafo Nhyɛso ase

==Nkekaho==
{{Commons|Category:Ghana}}
* [http://www.ghana.gov.gh/ Government of Ghana Official Website] (English)
* [http://www.parliament.gh/ Parliament of Ghana] (English)
* [http://hry-ihned.cz/berserk-the-cataclysm// Berserk the Cataclysm] (Czech)

{{Afrika}}
[[Nkyekyem:Gaana| ]]
[[Nkyekyem:Afanaa]]
[[Nkyekyem:Afrika]]