Difference between revisions 18695 and 18773 on akwiki

[[File:LocationGhana.png|right|frame|280px|Gaana]]
[[File:Ghana physical map.svg|thumb|280px|Gaana]]
'''Ghana''' yɛ kurow bi a ɛwɔ  [[Afrika|Africa]] atɔeɛ mantam hɔ. Nkurow a atwa ne ho ahyia no bi ne [[Côte d’Ivoire]] (ɛno wɔ atɔe fam), [[Burkina Faso]] (ɛno wɔ atifi fam), [[Togo]] (ɛno wɔ apue fam) ɛna Gulf of Guinea no wɔ anafo fam. Edin Ghana no kyerɛ “Ɔko mu Hene” na wonyaa saa din no fii tete Ghana empire no mu.

Kane no, na ahennifo ahorowdoɔ na woagye Ghana asase no afa paa yiye, te sɛ Asanti Ahenni, Akwamufo, Bonomanfo, Denkyirafoɔ, Fantefoɔ, ne afoforo a wɔka ho. Ebinom de, na wɔnyɛ Akan  foɔ, te sɛ Nkranfoɔ ne Dagombafoɔ. Wɔne Aborofo ntam guadi fii ase bere a wɔne Pɔtgɔkyifoɔ yɛ ntease apam wɔ mfe 1500 mu hɔ. Ɛno akyi no, Britainfo maa nea wɔfrɛ no Sika mpoano Ahenni no fii asɛ wɔ afe 1874 mu wɔ Ghana mmeae bi pɛ.

Gold Coast no nyaa ne fahondie wɔ afe 1957 mu fii wɔn sodifoɔ a na wɔne [[United Kingdom]] no. ɛno ma Ghana bɛyɛɛ ɔman a edi  n nkan wɔ abibirim ha a enyaa ne fahondi fii Europafo Nhyɛso asee wɔ abibirim mantam ha.

==Nkekaho==
{{Commons|Category:Ghana}}
* [http://www.ghana.gov.gh/ Government of Ghana Official Website] (English)
* [http://www.parliament.gh/ Parliament of Ghana] (English)

{{Afrika}}
[[Nkyekyem:Gaana| ]]
[[Nkyekyem:Afanaa]]
[[Nkyekyem:Afrika]]